Psalms 145

Ayeyi dwom. Dawid de.


1 Mɛma wo so, me Nyankopɔn, Ɔhenkɛse;
mɛkamfo wo din daa daa.

2 Da biara, mɛkamfo wo;
na mama wo din so daa daa.


3 Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛse;
obiara ntumi nsusuw ne kɛseyɛ.

4 Awo ntoatoaso baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ afoforo;
wɔbɛka wo nnwuma akɛse ho asɛm.

5 Wɔbɛka wʼanuonyam ne wo tumi a ɛheran no ho asɛm,
na mɛdwene wʼanwonwadwuma ho.

6 Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm;
na mapae mu aka wo nneyɛe akɛse no akyerɛ.

7 Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmoroso no ho fa,
na wɔde anigye ato wo trenee ho dwom.


8 Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo;
ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.

9 Awurade ye ma obiara;
na ɔwɔ ahummɔbɔ ma nʼabɔde nyinaa.

10 Awurade, wʼabɔde nyinaa bɛkamfo wo;
na wʼahotefo bɛma wo so.

11 Wɔbɛka wʼahenni no anuonyam ho asɛm
na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,

12 sɛ ɛbɛyɛ a nnipa behu wo nnwuma akɛse
ne wʼahenni anuonyam a ɛheran no.

13 Wʼahenni yɛ daa ahenni,
na wo tumidi wɔ hɔ ma awo ntoantoaso nyinaa.

Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,
na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.

14 Awurade wowaw wɔn a wɔhwe ase
na ɔpagyaw wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.

15 Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan,
na woma wɔn, wɔn aduan wɔ ne bere mu.

16 Wubue wo nsam,
na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛde.


17 Awurade teɛ wɔ nʼakwan nyinaa mu;
na ɔyɛ adɔe ma nea wayɛ nyinaa.

18 Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,
wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.

19 Ɔyɛ wɔn a wosuro no no apɛde ma wɔn;
otie wɔn sufrɛ na ogye wɔn.

20 Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no no nyinaa so,
nanso amumɔyɛfo de, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.


21 Mʼano bɛkamfo Awurade.
Ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron no
daa daa.
Copyright information for TwiAKNA